Psalms 65

Ayeyi ne aseda

1O Onyankopɔn, eye sɛ yɛkamfo wo wɔ Sion, na yedi bɔ a yɛhyɛɛ wo no so
2efisɛ, wutie mpaebɔ.
Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa bɛba wo nkyɛn
3wɔ wɔn bɔne ho.
Yɛn bɔne di yɛn so nkonim, nanso wode kyɛ yɛn.
4Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn ma wɔbɛtena wo Kronkron mu Kronkron hɔ.
Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi hɔ no bɛsɔ yɛn ani, nhyira a ɛwɔ wo fi kronkron hɔ no.
5Wonam nkonim a woma yedi so bua yɛn, na woyɛ wʼanwonwade de gye yɛn nkwa.
Nnipa a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa ne wɔn a wɔwɔ ɛpo so akyirikyiri nyinaa de wɔn ho to wo so.
6Wonam wʼahoɔden so hyehyɛɛ mmepɔw de kyerɛɛ wo tumi kɛse.
7Wudwo ɛpo nworoso ne asorɔkye nne.
Wudwo nnipa mmobom nso.
8Wiase nyinaa ho dwiriw no wɔ anwonwade a woayɛ no ho.
Nneɛma a woayɛ de ahosɛpɛw fi asase ano kɔ asase ano.
9Woma osu tɔ gu asase so de kyerɛ wo hwɛ.
Woma enya srade na ɛdɔ.
Wohyɛ nsuwa nsu ma ma.
Woma asase nnɔbae.
Sɛnea woyɛ no ni.
10Wotɔ osu bebree gu asase a wɔafuntum so ma nsu no fɔw no fɔkyee.
Wopete nsu gu asase so ma ɛyɛ mmerɛw na ama afifide nkumaa anyin.
11Nnɔbae a wʼadɔe ma no dɔɔso!
Baabiara a wobɛkɔ no, pii wɔ hɔ.
12Wura no mu nso, nguan wɔ hɔ.
Anigye wɔ koko no nkyɛn hɔ.
13Wura no mu yɛ nguan nko.
Awi nso ayɛ ɔbon no mu ma tɔ.
Biribiara teɛm, to ahosɛpɛw dwom.
Copyright information for TwiNAK